letras.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

letra de tuntum - pure akan

Loading...

enɛyo avɔ nyin bɛ hɔ nan tsikɔ fɛ ko kpong awu edoɔ afun nuvɔnɔ
enɛyo avɔ nyin bɛ hɔ nan tsikɔ fɛ ko kpong awu edoɔ afun nuvɔnɔ
enɛyo

wei nyɛ atesɛm nokorɛ yɛ koro afei nso emu eduru
nso yɛanhunu no ntɛm
amanfoɔ de asie yɛn
nka yɛhunuu no ntɛm yɛtwerɔ nsɔhwɛ no anka yɛandi angu nso yɛanhunu no ntɛm
ɔkyerɛfoɔ nso ankyerɛ yɛn
na yɛrekɔ akɔbisa mu yɛatenase ama yɛakyerɛ mu
na yɛabisa abisa mu
hwɛ nana nso yɛasie no
hwɛ nyame teatea mu yɛte yɛn akoma ne yɛn wedeɛ mu
nso yɛnfa no asɛm
yɛnnya aso na yɛatie no

ma me nkyerɛ wo ntɛm ansa ama ɔkyena w’ani ate ma me nkyerɛ wo
wei ara ne nokorɛ no nyɛ obi na ɔsee
wo wonim sɛ wo wo na woapete a na woapete ewiase
ma me nkyerɛ wo
neɛ ɛbɛba so biara no еfiri wo ase
nti mma obi nkyerɛ wo
sɛ yɛdidi so a wo na wodi akyire ma mе nkyerɛ wo
wei ara ne nokorɛ no nyɛ obi na ɔsee

woate nokorɛ no ma ɛnyɛ w’anim hann
nti no kɔ ne saa na kɔ ne saa na kɔ ne saa
wei ara ne nokorɛ no nyɛ obi na ɔsee
nti no kɔ ne saa na kɔ ne saa na kɔ ne saa
ne ɛbɛba so biara no efiri wo ase

menka wo asumsɛm bi a wontee bi da
mfie ɔpepe bi mu a nipa
ani nteeɛ ɛnyaa anibue ɛnya ne ho nnanee nipa
ansa nipa bɛnya nkwa nea adi kan ehia ne ewia
ma no abɔ ɔhyew na saa berɛ na baabi a ewia wɔ nko ara ne afrika
na ɔbɔadeɛ nimdeɛ mu no wato ngo agu yɛn wedeɛ mu
sɛ ɛnbɔ yɛn ho ban ewia mu
na ɛntwe nnuane duro ewia mu
na saa ngo yi a mereka yi ɛno na ɛma yɛn wedeɛ ani
ɛyɛ tuntum wɔ ewia mu na ɛyɛ fitaa wɔ awɔ mu
na nipa nyiniiɛ maa n’ase terɛɛ
nti ɔtuu kwan sɛ ɔkɔ hwehwɛ asase wɔ atifi na ɔkɔ kaa awɔ mu
na adanseɛ yi kyerɛ sɛ nipa a odikan no ne wedeɛ yɛ tumm
na akyire akwantuo de ne kɔɔ awɔ mu yɛ fitaa

nti mma obi nkyerɛ wo sɛ yɛdidi so a
wo na wodi akyire ma me nkyerɛ wo
wei ara ne nokorɛ no nyɛ obi na ɔsee
ma me nkyerɛ wo ntɛm ansa ama ɔkyena w’ani ate ma me nkyerɛ wo
nea ɛbɛba so biara no efiri wo ase
wo wonim sɛ wo wo na woapete a na woapete ewiase
ma me nkyerɛ wo
wei ara ne nokorɛ no nyɛ obi na ɔsee
nipa nyinii faa anamon nsia mu ansa na yɛbɛdru sɛneɛ yɛteɛ yi
mmeɛnsa a adi kan no annya ahoɔden ne nimdeɛ ma wɔn mu antrɛ mmeɛnsa a adi toɔ no nyaaɛ
ma ebi tuu kwan kɔɔ akyire kɔɔ foforɔ mu
tumtumfoɔ yi kɔ kaa awɔ mu ma ɛde nsesaeɛ bɛ soa wɔn so
mfie beberee mu woanhunu ewia da
ɛboɔ akɛseɛ mu na wɔnyaaeɛ da
akyire na nneɛma beberee asesa ma menkyerɛ wo nsesaeɛ mu yi bi
wɔn wedeɛ ani sesaaeɛ na ɛpaaeɛ
wɔn tiri-nhwi ne wɔn ani kosua nyinaa saa
wɔn nnompe mu tene teneeɛ
ma wɔn hwen a ɛbɔ wɔn anim kurukuruwa yi twee yɛ teaa
wotie me a wobɛgye ato mu sɛ nipa nyinaa nea ɔyɛ fitaa neɛ ɔgyegye
yɛn nyinaa firii ase fri tuntum ansa wɔsesa ɛnnɛ yi
menhwɛ menkansɛ obi deɛ di mu yie sen obi
nso nokorɛ no yɛ baako ɛsee tuntum na woanyini

nti mma obi nkyerɛ wo sɛ yɛdidi so a wo na wodi akyire
ma me nkyerɛ wo
wei ara ne nokorɛ no nyɛ obi na ɔsee
ma me nkyerɛ wo ntɛm ansa ama ɔkyena woani ate
ma me nkyerɛ wo
nea ɛbɛba so biara no efiri wo ase
wo wonim sɛ wo wo na woapete a na woapete ewiase
ma me nkyerɛ wo
wei ara ne nokorɛ no nyɛ obi na ɔsee
woate nokorɛ no ma ɛnyɛ w’anim hann
nti no kɔ ne saa na kɔ ne saa na kɔ ne saa
wei ara ne nokorɛ no nyɛ obi na ɔsee
nti no kɔ ne saa na kɔ ne saa na kɔ ne saa
nea ɛbɛba so biara no efiri wo ase

letras aleatórias

MAIS ACESSADOS

Loading...