letras.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

letra de mensesa me ho - pure akan

Loading...

moma mmofra no kwan na wɔndɔ wɔn ho
na ɔdɔ mu na anigyeɛ ne ahoɔden nyinaa wɔ

sɛ neɛ m’ani hunu me ho yi
ɛnoaa na ɛgye m’ani
nyɛ neɛ obi hunu me ho yi
sɛ neɛ m’ani hu me ho yi
ɛnoaa na ɛsɔ m’ani
nyɛ neɛ obi hunu me ho yi
ye ye ye ye

nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
ye ye ye ye

nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho

wo deɛ fa no sɛ ebia me meda mo mu baako
yɛkan nipa nyinaa na yɛakan mе soronko
esane bea a mefiri nе birisi a mefura nti obiara se ɛhan nni me so
menko me din ne obiara din ɛdane so
yɛkyɛ adeɛ ma obiara me deɛ ɛnso me so
daa na matɔ mu mfa ho nea mehyɛ koraa
sɛ mepue nipa mu a ani nyinaa da me so
me tiri-nhwi a ɛntene a ntii
na ama menam a yɛsee me no me tiri nyɛ
nanso me deɛ menenam a me tiri mu deɛ
nana nyame no ara ɛna abɔ me saa
ɔbɔɔ me soronko oo na wabɔ me yie oo
yɛ na menenam a yɛsee me tiri nyɛ
nanso me deɛ menenam a me tiri mu deɛ
nana nyame no ara ɛna abɔ me saa
ɔbɔɔ me soronko oo na wabɔ me yie oo
ye ye ye ye
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
ye ye ye ye

nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho

fa no sɛ ebia me nyɛ nnwomtoni
fa no sɛ akan din yi nso ɛnyɛ me din
fa no sɛ mewiee sukuu nyaa adwuma ɛsɔ m’abusuafoɔ ne me nnamfofoɔ nyinaa ani
fa no sɛ me no mewɔ animuonyam
fa no sɛ me no meyɛ ɔbrane
fa no sɛ meyɛ teatea na me ho nyinaa gyegye kɔɔ menam a me na obiara hwɛ
fa no sɛ efie yɛ me nsam’ yɛ
fa no sɛ me nnamfofoɔ yɛ hyiahyia
fa no sɛ yɛtɔ adeɛ a mente me ho
fa no sɛ yɛdi agorɔ a menyi me ho
nanso sɛ manya no sɛneɛ obiara nya a
nanso sɛ ankɔ no sɛneɛ mepɛ sɛ ɛkɔ a
menim sɛ nsa nyinaa ɛnyɛ pɛ da nti na meresu a mɛgyae mahem
nti sɛ obiara kɔ no kwan foforɔ a
nti sɛ obiara kɔ na ɛkaa me nkoaa
menim sɛ medɔ me ho na biribiara mma mentɔn me ho mensesa da ahh ahh ahh
ye ye ye ye
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
ye ye ye ye

nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho
nyɛ adeɛ a mɛsesa me ho

mensesa da
piihyaaa piihyaaa piihyaaa piihyaaa piihyaaa
piihyaaa piihyaaa piihyaaa piihyaaa piihyaaa
yɛnsesa da
piihyaaa piihyaaa piihyaaa piihyaaa piihyaaa
piihyaaa piihyaaa piihyaaa piihyaaa piihyaaa

nyɛ nea obi ka na mɛte ada o
nyɛ nea obi ka na mɛte ada a
nyɛ nea obi ka na mɛte ada o
mente ada o mente ada o eii
nyɛ nea obi ka na mɛte ada o eii
nyɛ nea obi ka na mɛte ada a
nyɛ nea obi ka na mete ada o
mente ada o do do do do

eiii eiii eiii eiii eiii eiii
eiii eiii eiii eiii eiii eiii
eiii eiii eiii

letras aleatórias

MAIS ACESSADOS

Loading...