letras.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

letra de aheman mu - pure akan

Loading...

nti sɛ nea mereguso ka no
akyire ayɛ basaa na menka nyi me ho mfiri mu
anka yɛhunuu ntɛm a anka nneɛma beberee asesa
(medeɛ megyidi sɛ nneɛma bɛyɛ yie)
mo
(me nso me maame aka akyerɛ me sɛ ɛyɛ a memmɔ mpaeɛ
na nyame bɛyi me afiri ha akɔ ahenman mu na biribiara bɛsesa)
montie me yie momma obi nnaadaa mo
monntie ɔkyɛmfoɔ no asɛm ntwa nea ehia no nnya
ahenman mu deɛ ɛno ara ne wo akoma mu
efiri sɛ nea ɛrekɔso nyinaa gyina neɛ ɛrekɔ so wɔ wo mu
nti sɛ yɛpɛ asetena pa ɛne daa nkwa a yɛnhyɛ asеɛ mfiri hɔ
ɛnyɛ asɔre a worekɔ a obi nkɔ bi
yɛtu yɛn anamon yie a yɛn nyinaa bɛnya ahoɔdеn
yɛbɛnya nkwa tenten obiara bɛdi yie na yɛn nyinaa bɛhunu onyame animuonyam

uu uu
oh aheman mu o ahenman mu o
menso mɛkɔ bi
oh aheman mu o ahenman mu o
yɛakae yɛn nyinaa
oh ahenman mu o ahenman mu o
anigye wɔ hɔ o
oh ahenman mu o ahenman mu o
yɛn nyinaa bɛkɔ
menyaa ahenman mu bi a mɛkɔ
kakra a mate yi ɛyɛ me sɛ ɛhɔ bɛyɛdɛ
matetete sɛ ɔbrɛ nni hɔ anigye nko tee ɛna wɔde te kuro pa no so
mɛbɔ mmɔden na mayɛ aduru hɔ
na ɛhɔ deɛ ɛsene tatahwe wokɔ duru a wo brɛ asa
na mesi me tiri ase a nea mɛte a ɛne bi a ɛne merekasa sɛ
ahenman mu wɔ hen
nea worepɛ anya no wɔ he fa
na mesee ɛwɔ wiem’ na mewu a pɛ me nsa bɛka
ɔsee woretwɛn owuo abɛfa wo ade woakɔ deɛ a
wobɛtwɛn akyɛ na wobɛka
na wonim sɛ wotease a na wowɔ adeɛ
na ɛɛnɛ yi a wote ase yi nyame ba na wodi adeɛ
anigye papa na wopɛ anya a wonsa bɛka
nanso ɛyɛ wo ara
nti no sɔre na tie asɛm pa na ɛyɛ ampa ahenman mu no ɛno ara ne ha

nyame ahyehyɛ biribiara fɛɛfɛ ato hɔ ama yɛn
aheman mu obiara bɛkɔ bi o
nyame ahyehyɛ biribiara fɛɛfɛ ato hɔ ama yɛn
aheman mu obiara bɛkɔ bio

ɔsee nneɛma nyinaa wopɛ nyinaa na agugu ha
nsuo aduaba aduane biribiara woanya
sɛ yareɛ na woate sɛ ebi nni hɔ deɛ a di aduaba na fa ne haha no kɔsa wo yareɛ
wopɛ sɛ wokɔ hyia abusua ne ayɔnkofoɔ nyinaa
nti na woatwa agya wo ho nipa nyinaa yɛ na kɔ kɔ kɔbam ɛna ne agya
ansa na wagya wo hɔ nsuo krɔgyen wɔ hɔ na ɛpo deɛ ani ha
woayɛ no basa asase kɛseɛ na ɛso srɛ fɛfɛ nhwiren a ɛyɛ hwam woahwan bi
wonya adaagye koraa na woahome mframa pa a
nana nyame de akyɛ wo home so na di wo mmerɛ
deɛn nti na ahopeprɛ worekɔ he agye dɛn ahenman mu ha yi aa nti na wopɛ ntɛm
wogyedi sɛ agye wo wu a na wo nsa bɛka a adɛn nti na wote owuo na wo ho rekeka
wonnye nni sɛ agya onyame asiesie ha de ama yɛn a adɛn na wosuro sɛ wobɛwu afiri ha
eii nyame ahyehyɛ biribiara fɛɛfɛ ato hɔ ama yɛn
ahenman mu obiara bɛkɔ bi o
nyame ahyehyɛ biribiara fɛɛfɛ ato hɔ ama yɛn
ahenman mu obiara bɛkɔ bi o

eii me mete ase a mɛyi nyame ayɛ nea wayɛ yɛ fɛ
eii me mewɔ ɔdɔ abusua ne asomdwe aheman mu yɛ dɛ
eii wo asaase a sika abu so na wonenam so
eii wo wote agya nsa ne nifa so na ɔrehwɛ wo so
eii
nyame ahyehyɛ biribiara fɛɛfɛ ato hɔ ama yɛn
aheman mu obiara bɛkɔ bi o
nyame ahyehyɛ biribiara fɛfɛ ato hɔ ama yɛn
aheman mu obiara bɛkɔ bi o

nti mma obiara mmɔ wo hu aheman mu ɛwɔ wo mu
agya onyame ɔwɔ babiara na ɔka wo ho
atorofo adifoɔ akyerɛ wo sɛ nyame ɔwɔ soro retwɛn wo
aheman mu nni babiara ɛwɔ wo mu

me nso mɛkɔ bi

eii nyame ahyehyɛ biribiara fɛɛfɛ ato hɔ ama yɛn
aheman mu obiara bɛkɔ bi o
nyame ahyehyɛ biribiara fɛɛfɛ ato hɔ ama yɛn
aheman mu obiara bɛkɔ bi o
anigye wɔ hɔ o
yɛn nyinaa bɛkɔ
dua
keteke nam nnadeɛ so ɔreyɛ kyamkyamkyamkyam
emu nipa pii rekɔ koforidua
(dua)
keteke nam nnadeɛ so ɔreyɛ kyamkyamkyamkyam
emu nipa pii rekɔ koforidua
(dua)
keteke nam nnadeɛ so ɔreyɛ kyamkyamkyamkyam
emu nipa pii rekɔ koforidua
(dua)

me ti pae me me ti pae me mate nsɛm ama me ti pae me
mate sɛ ansa na mɛba no na nsuo tɔ hohoro sika kɔkɔɔ ma yɛn sesa
na yɛmen de bi sie na y ɛakɔ yɛn anim ma ewiase di yɛn akyi
na yɛn nananom wɔ ahummɔbrɔ firi sɛ ɛno na ɛma yɛn yɛ nipa
ɛnti dɛn nti na me ti pae me yi
madwene a ahunu sɛ ewiase ayɛ me bɔne
wɔn mu biara ɔbaa m’akwan mu no memaa no nsuo maa no asase pa nanso wɔn nyinaa anyɛ me papa antua ka
wɔwiaa me sika abrɛ a mada wɔtoo me na monaa ewia ketekete
wɔto nkɔnsɔnkɔnsɔn guu m’agya so na wɔsesaa ne din
me na ne m’agya abɔ hu na ɔde awo me
na ehu yi da so ara gyina me mu
ɛno nti na me ti pae me yi a mente aseɛ yi

nanso nyame ara ne nyame kankan nyame yɛtete nyame nea ɔmmu atɛn mpɛ asisie
ɔno na wawo me nyame ba ama me tumi wɔ adeɛ nyinaa so
nti m’adeɛ biara afri me nsa me nsa bɛka
ewiase di adane adane
na mmerɛ no so sɛ ɛhan no bɛtɔ me so a
mɛkɔ me deɛ mu
na mɛfa me ntoma pa afura

letras aleatórias

MAIS ACESSADOS

Loading...