letras.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

letra de nsemika - dr. paa bobo

Loading...

[intro]
nsɛmkeka adɔɔso
akɛɛ-akɛɛ, yɛse-yɛse
ɛsɛe awareɛ, ɛgu abusua, ɛbɔ ɔman

[chorus]
nsɛmkeka yi
adɔɔso, adɔɔso
yɛse-yɛse
adɔɔso, adɔɔso
ɔsɛeɛ yi
adɔɔso, adɔɔso
nso wo yɔnko a ɔtan wo o
enti ara na yɛ’brɛ yi

[interlude]
adeɛ no firi tete
ahoɔyaa deɛ, efiri tete

[chorus]
nsɛmkeka yi
adɔɔso, adɔɔso
ɔsɛeɛ yi o
adɔɔso (sɛeɛ yi o)
adɔɔso
yɛse-yɛse, yɛse yi
adɔɔso, adɔɔso
nso wo yɔnko a ɔtan wo o
enti ara na yɛ’brɛ yi
[interlude]

[verse 1]
aboa bi no a
yɛfrɛ no antorohweɛ no
na ɔkɔɔ ɔsebɔ nkyɛn
sɛ ɔ’kɔpɛ bosea
na ‘da a ɔbɛnyini no, ɛda ara na ɔbɛtua sika no, aah
ɔsebɔ nso de sika no maa no
na ɛdii afe no, na ɔsebɔ kɔɔeɛ
ɔkɔɔeɛ a, antorohweɛ, ɔnyiniiɛ o
mfie mmiɛnsa aba, saa ara na ɔteɛ
mfie num soɔ no, ɔ’korɔ no
na ɔhyiaa ‘nwansayn’
na ɔwansayn bɛka kyerɛɛ no sɛ
“wo sika yi deɛ, akyɛ dodo, na adɛn?”
na ɔsebɔ ka kyerɛɛ no sɛ, “antorohweɛ, ɔnyinii”
nwansayn se, “sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka wo sika deaa
wokɔ a, frɛ ɔmaame ma no mmra
frɛ ɔpapa ma no mmra, ɛna wobɛhunu sɛ
wanyini anaasɛ ɔnyiniiɛ
ɔsebɔ kɔɔeɛ ampa
ɔkɔka kyerɛɛ antorohweɛ sɛ
“sika yi deɛ, akyɛ dodo
nti frɛ wo maame ma no mmra, na frɛ wo papa ma no mmra
na wɔmmɛyɛ adansefoɔ, na mɛgye me sika no nnɛ”
antorohweɛ, ɔkɔfrɛɛ ɔmaame baaeɛ a, ɔmaame te sɛ ne ba no ara
ɔkɔfrɛɛ paapa maa no baaeɛ a
ɔno nso, b00boo, ɔno nso te sɛ akwadaa no ara
ɛhɔ ara pɛ na ɔsebɔ se
“ei, antorohweɛ, sɛɛ woanyini apua
fa me sika ma me ɛ”
antorohweɛ mpɛ ne ho asɛm
ɔbɔ wuraa danm’, kɔfaa ne sikaa de maa ɔsebɔ, ɛdaa n’ase paa ara
na mmom, deɛ ɛyɛ ne nwanwa ne sɛ
watumi ahunu nyansa na wakɔfrɛ ɔmaame ma no aba
afrɛ ɔpapa nso so ama no aba yi
kankama deɛ, ɛnyɛ o
ɔnwansayn ashow antorohweɛ (ɔno nso bɛshow no)
antorohweɛ asɛm a ɔ’ka ne sɛ
ɛbɛtumi a nka ɔnkyerɛ onipa ko a ɔmaa no saa nyansa no
ɛhɔ ara pɛ ɛna ɔsebɔ se, “ɛyɛ ɔwansayn ɛna ɔkyerɛ me ɔkwan yi”
antorohweɛ bɔ wuraa danm’, ɔ’ba na ɔkura bese
na ɔde maa ɔsebɔ sɛ, ɔkɔ a ɔnkankyerɛ ɔnwansayn sɛ
ɔda n’ase, ɔnni biribi ara de ma no, na ɔnnye saa bese yi
ɔdidi wie a, ɔde apa n’anum
daa nyinaa yi so, ɔsebɔ, ɔhunu ɔnwansane a na ɔ’dwane ah
ɔde bese no kɔmaa no, ɔnwansane asɛm a ɔ’ka ne se
ei, antorohweɛ, nti ɔnnim sɛ menni se na wabrɛ me bese yi
ɛhɔ ara pɛ na ɔsebɔ ka kyerɛɛ aboa ɔnwansane sɛ
ada nyinaa yi, wo nko ara na mesuro wo
nti ɛnnɛ deɛ, ɛbɛtumi a, yɛ ready, na yɛbɛko nnɛ
ɔsebɔ bo afu, ɔnwansayn bo mfuuiɛ, nso yɛ’ba abɛko ntokwa a
ɛhɔ ara pɛ na ɔsebɔ ak-m ɔnwansayn a
asɛm pɛ dodoɔ yɛ mmusuo o, asɛm pɛ dodoɔ yɛ mmusuo a, aah
[interlude]
ɛnyɛ

[verse 2]
aberanteɛ bi, yɛfrɛ no kwaku soroba
firi asantemanm’, kuro bi a yɛfrɛ no sasa
sɛbe mprɛ aduasa, saa aberanteɛ a mereka yi
wakɔyɛ bɔdamfoɔ, da biara ɔnam a na dua tua n’ano
kyerɛ sɛ, ano da hɔ kwa a, ɛka nsɛm
na asɛm pɛ dodoɔ nti na amma aboa ɔpete yi
ne tiri ho amfu nwii papa no
worewe foo nsa a, ɛyɛ a hwɛ wo nsa
ɔsebɔ kaaeɛ no, kyerɛɛ ɔnwansayn no
wante aseɛ, ama ɔsebɔ ak-m ɔnwansayn nnɛ
asɛmpɛ dodoɔ yɛ mmusuo o, asɛmpɛ dodoɔ yɛ mmusuo ei

[chorus]
nsɛmkeka yi
adɔɔso, adɔɔso
adɔɔso, adɔɔso
yɛse-yɛse na ɛ’sɛe abusua yi o
adɔɔso, adɔɔso
nso wo yɔnko a ɔtan wo o
enti ara na yɛ’brɛ yi

letras aleatórias

MAIS ACESSADOS

Loading...