
letra de wo se kete a bae mu (alor) - daddy lumba
[chorus]
ao na ɔdɔ ei (mm-mm-mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a, bae mu o
oh, oh
na me ne wo na ɛda ei
ao na ɔdɔ ei (mm-mm-mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
oh, oh
na me ne wo na ɛda ei
ao na ɔdɔ ei (mm-mm-mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
me kwadwo ei
na me ne wo na ɛda ei-ei
ao na ɔdɔ ei (mm-mm-mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
oh, oh
na me ne wo na ɛda ei
[interlude]
[verse 1]
sɛ adeɛ sa a, ah
menam mu o, oh
sɛ ahum tu a-ah
menam mu o, oh
sɛ mehwenti a, mehwe ase a
wo dɔ na ɛma me ahoɔden o
mɛsɔre o, ɔdɔ mereba o
sɛ nsuo ‘tɔ a
menam mu o
ei, sɛ snow gu a, ah
menam mu o
sɔ awɔ kye me a, meyare a
ɔdɔ mpa so na menya ahomka o
nti mensuro o
ɔdɔ mereba o
[chorus]
ao na ɔdɔ ei (mm-mm-mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
me kwadwo ei
na me ne wo na ɛda ei (anadwo yi o)
ao na ɔdɔ ei (mm-mm-mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
anadwo yi o
na me ne wo na ɛda ei
[interlude]
[verse 2]
sɛ mekae nnoɔma bi a woyɛ me ao-oh, haha
me kwadwo ei, afa me tiri mu oh-oh
na mennim sɛ, ha
adeɛ bi wɔ hɔ a ɛ’dɛ, nso asikyire nnim o
no, me nsa anka a mɛwuo o
sɛ mebɛduru a, ɔdɔ ei, ka me ho hye o
na w’aniwamma yi
wohwɛ me a na mate aseɛ o
dum kanea yi
w’aniwamma hyerɛn sɛ nsoroma nti menhia kanea biara
wosɔ me mu a, na m’anum nsɛm asa o
bɔ me nnwom, ha, lumba nnwom, ma no nkɔ nyaa o-oh
na ɔdɔ pa, ɛne ɛnwom pa na ɛkorɔ o-oh
mɛyɛ w’akoa ao
ɔdɔ ei nea wopɛ nkoaa na mɛyɛ o
me kwadwo ei
woresɛe m’adwene o, haha
[chorus]
ao na ɔdɔ ei (mm-mm-mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
oh, oh
na me ne wo na ɛda ei-ei
ao na ɔdɔ ei (mm-mm-mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
me kwadwo ei
na me ne wo na ɛda ei
aw lɔlɔ (mm-mm-mm)
na ɔdɔ paaa na wodɔ me
ohn la kplɔ (aba dɛka ji)
aw lɔlɔ (mm-mm-mm)
na ɔdɔ paaa na wodɔ me
ohn la kplɔ (aba dɛka ji)
lɔlɔ nyɔ (mm-mm-mm)
na ɔdɔ paaa na wodɔ me
ohn la kplɔ (aba dɛka ji)
[outro]
aw lɔlɔ (mm-mm-mm)
na ɔdɔ paaa na wodɔ me
ohn la kplɔ (aba dɛka ji)
letras aleatórias
- letra de cuddle weather - partyfoul (hi)
- letra de versager - levin liam
- letra de rain - desiigner
- letra de силуэт (silhouette) - кiт (cat)
- letra de timeless - tic-tekk-toe
- letra de die hunde bellen - buntspecht
- letra de tormoz hüseyn - kərim abbasov
- letra de plouă la volan - maximilian (rou)
- letra de пачму (why) - departament
- letra de on the table - timalest