
letra de ma hyia yesu - abaawa mary
[chorus]
mahyia yesu o
wahyira me
mahyia yesu o
wahyira me
mahyia yesu o
wahyira me
mahyia yesu o
wahyira me
[verse 1]
m’abusuafoɔ awo me ɔtwe awoɔ ei
menenam kwaeɛ ase
m’abrabɔ mfa wɔn ho o, yie ei
mede me tiri apempem-apempem saa ara
pempem saa ara ama m’ani so tan me o, yie ei
me ne m’ananteɛ-ananteɛ, ananteɛ yi ara
mekɔhyiaa ɔnwanwani bi, mehyiaa agyenkwa bi
ɛna mebusaa ne din
ɔkyerɛɛ me sɛ ɔde yesu o
ɔno ne nokware ne nkwa no
ɔkaa saa ara pɛ ara na metwe bɛnn no
na meka kyerɛɛ no sɛ, “agya ei
sɛ woanhyira me a, menkɔ o, sɛ woanhyira me a, menkorɔ o
m’asɛm no tɔɔ n’akoma so paa ara
ɛna ɔde ne nsa guu me so
me ne no anante mfinhyia beberee, ɛnso ɔndii me hwanmɔ
me ne nyame anante mfinhyia pii, ɛnso awurade nnii me hwanmɔ nti
fa ho bɔ yesu abusuakuo yi, fa wo ho bɔ yesu abusuakuo yi
na wobɛnya nkɔsoɔ ama wo kra
[chorus]
mahyia yesu o
wahyira me
mahyia yesu o
wahyira me
mahyia yesu o
wahyira me
mahyia yesu o
wahyira me
[verse 2]
tumi nyinaa ne asafo awurade
ɔno na ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase
obi nnim neaa nyankopɔn firi baaeɛ
nanso tumi nyinaa kura no
ogyina w’akoma akyiri rebɔ mu o
sɛ wobɛbie no ama no aba mu a
ɔbɛma wo nkwa a ɛnni awieɛ, jesus, hm
mese ɔde nhyira yi nyinaa bɛma wo o
ɔbɛhyira wo ahyira w’asefoɔ nyinaa
ɔde nkɔsoɔ bɛba w’apono ‘no
ɔbɛhyira wo nsa ano nyinaa
ɔbɛhyira wo, ahyira wo yam mma nyinaa
ɔyɛ onyame a ɔnni atorɔ, ah
sɛ wobɛbue w’akoma mu a
ɔbɛhyira wo ne w’asefoɔ nyinaa
fa wo ho bɔ yesu ei, me nua, w’anim rengu ase da, hm
onyame asɛm a waka biara yɛ nokware
ɔmma w’anim rengu ase da
[chorus]
na mahyia yesu o
wahyira me
mahyia yesu o
wahyira me
mahyia yesu o
wahyira me
mahyia yesu o
wahyira me
[outro]
mahyia yesu o
wahyira me
mahyia yesu o
wahyira me
mahyia yesu o
wahyira me
mahyia yesu o
wahyira me
letras aleatórias
- letra de awesome (feat. baby tate) - sophie powers
- letra de jennifer hands - t54
- letra de cosmos new version - 星野康太 (kota hoshino)
- letra de ne daj mi oče - baby lasagna
- letra de i. verwesung. прокаженный бог - leprous vortex sun
- letra de inside out - about paul
- letra de joga bola - bento e totó
- letra de people pleasin' - paige warner
- letra de carson - lil x21
- letra de eu que não amo você (versão acústico mtv) - engenheiros do hawaii