letras.top
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

letra de hwɛ adeɛ na tɔ adeɛ - pure akan

Loading...

tuu utu
tuduu dututuu tututuu tututuu tututuu
tuduu tututuu tututuu tututuu tututuu

nea yɛakyrɛ no na woasua
menyaaɛ a anka afutuo yi mete bi
ɛna ne agya na aka wɔnti abɔmu
nanka ɔno deɛ ɔyɛ dɛn
ɛnam ne mogya mu
abofra hwehwɛ ne maame
nufoɔsuo no anso no wanmen
ɔresu sɛ ɛna wɔ he
wɔrekɔ no wannya aduane
hwɛ sɛ abofra no ayera
hwɛ sɛ abofra no ayera
hwɛ sɛ abofra no ayera
hwɛ sɛ abofra no ayera
adeɛ akye o na agya wɔ he
ɔnni fie wapue abɔnten
ɔbɛba na adeɛ akye
hwan na ɛrekyerɛ mmofra no adeɛ

hwɛ adeɛ a mmofra no resua
hwɛ adeɛ a mmofra no resua
hwɛ adeɛ a mmofra no resua
hwɛ adeɛ a mmofra no resua
(ahh nti abofra no ayera)
eii abofra noa ayera
oh woayera woayera
woayera wɔ yaniso ha yi aa
woayera ama obiaa nhu no

bankye na abobɔ sei bra bɛtɔ bi
nyaadoa maboaboa ano bra bɛtɔ bi
kente ne ahenema nie bra bɛtɔ bi
bra bɛtɔ bi bra bɛtɔ bi
waduro ne amisa nie bra bɛtɔ bi
duku ne abɔsoɔ nie bra bɛtɔ bi
mewɔ mu ahodoɔ na bra bɛtɔ bi
bra bɛtɔ bi bra bɛtɔ bi

sɛ wokɔ dwa akɔtɔ adeɛ a
tɔ adepa mɛnhwɛ ne fɛ
sɛ wodi ano ama yateso a
ka boɔ pa mɛnmia wo nsam’
sɛ wokɔ dwa akɔtɔ adeɛ a
tɔ adepa mɛnhwɛ ne fɛ
sɛ wodi ano ama yɛateso a
ka boɔ pa mɛnmia wo nsam’

mekɔ ma hwehwɛ akua
menim ne fie kwan ɛnyɛ yera kwan
mekɔ kɔduruu yɛ a, mehunu no mesee hwana ni
nywora foforɔ bi a woatɔ afura ma n’ahyɛnsodeɛ asesa
ebei mebɔɔ ne kra din a ɔsee ɔnte
mekyeaa no maakye a ɔsee morning
bankye a wadi adi afiri ne mmofra ase
ɔsee ɔredi a na ɔrefe
nti menfa nto nkyɛn ma ɔnnwene ne ho
ɛbɛn asɛm koraa nie
adane buroni awie
ɔsee mmerɛ asesa nti masesa bi
kɔkɔɔ na ɛrekɔ nti masra bi
watwe ne ti ɔka biribi sɛ wanya anibue tuntum yɛ sum
ɔsee n’ani abue
na wakɔ kuro mu
akɔ hunu
adepa
tɔ de aba
nti ɔkɔ fa abɛkyerɛ me
ɔnfa mmra a, lipolipo
sɛ wokɔ dwa akɔtɔ adeɛ a
tɔ adepa mɛnhwɛ ne fɛ
sɛ wodi ano ama yɛate so a
ka boɔ pa mɛnmia wo nsam’
sɛ wokɔ dwa akɔtɔ adeɛ a
tɔ adepa mɛnhwɛ ne fɛ
sɛ wodi ano a ama yɛateso a
ka boɔ pa mɛnmia wo nsam’

kete ne adowa nie bra bɛsa bi
dipo na yɛregoro na bra bɛsa bi
hɔgbɛtsotso aduru so bra yɛnkɔ bi
bra yɛnkɔ bi bra yɛnkɔ bi
aboakyere afahyɛ no obiara ka ho bi
akwasidae no obiara ka ho bi
haaji amaneɛ no ɛnnɛ yɛbɛyɛ bi yɛbɛyɛ bi yɛbɛyɛ bi

akwasi antobam sɛ ɔnhunuu n’akurase da
firi sɛ maame ne paapa nkɔ fie na ɔde nakɔ
ɔsuro sɛ ne kurom’ abayifoɔ bɛkye no awe
nti wanyini obi manso nnim ne deɛ ho hwee
akurase ahwɛ wo so efiri mmofrase
ɛhɔ na wɔnyaa wɔn nteteɛ na wɔn abusua te
nso wɔsee watu kwan anya sika ama w’ani ate
nti wɔde wɔn mma ne kɔ wɔn akurase a, ɛno akyi
hwɛ sɛ wɔto wɔn mma no aborɔfo din
wɔkaa borɔfo wɔ fie na wɔde anyini
firi sɛ sɛ wɔdwene sɛ ɛno ne anibue
ɛdaa yɛbɛbɔ dwa no ɛbɛyɛ dwe
asɛm a meguso reka
nansa yi anto abisa mu sɛ ne se ɔwɔ he
ɔnnim sɛ wanto agya nti na wanto bam
sɛ yɛanfa no ankɔ fie nti ɔnnim n’akyi
sɛ wokɔ dwa akɔtɔ adeɛ a
tɔ adepa mɛnhwɛ ne fɛ
sɛ wodi ano ama yɛate so a
ka boɔ pa mɛnmia wo nsam’
sɛ wokɔ dwa akɔtɔ adeɛ a
tɔ adepa mɛnhwɛ ne fɛ
sɛ wodi ano a ama yɛateso a
ka boɔ pa mɛnmia wo nsam’

sisi ataa nso yare da hɔ
ne kunu de no akyini akyini a, yareɛ no ayɛ ne ho kɔ-a-ankɔ
nnuro a watɔ, ɛka a wabɔ
asɔre fie biara nni hɔ a ɔbɛte ne din a ɔnfa no nkɔ
na yɛkyerɛ no sɛ ɔntɔ nhyira nsuo na yɛgye
na yɛkyerɛ no sɛ wei yɛ akw-nkyerɛ na yɛgye
na ɔyɛ apaa aba nso sɔfoɔ se ɔbɛgye no nti ɔnpaa aba ɔnkyem ne yam kɔm mmɔ mpaeɛ
na obi kyerɛɛ no sɛ ɔnim ɔkɔmfoɔ a ɔyɛ
nti ɔnfa ne yere nkɔ na yɛnhwɛ mu ma no ma ne ho ntɔ no
sisi ataa kunu yi sɛ wakɔyɛ asafo panyin nti
ɔde ne yere kɔ a etia asɔre mmra
nti ampa ara ampa ara
wanfa no ankɔ, efirisɛ okristoni ɔnkɔ aduro so
ɛde saa, ne yere sisi ataa awu

sɛ wokɔ dwa akɔtɔ adeɛ a
tɔ adepa mɛnhwɛ ne fɛ
sɛ wodi ano ama yɛate so a
ka boɔ pa mɛnmia wo nsam’
sɛ wokɔ dwa akɔtɔ adeɛ a
tɔ adepa mɛnhwɛ ne fɛ
sɛ wodi ano a ama yɛateso a
ka boɔ pa mɛnmia wo nsam’

magani sose yi bra bɛgye bi ɛ
kɔnfɛm atikɔ yi bra bɛsom bi ɛ
nkasɛe nkasɛe yi bra bɛsa bi ɛ
bra bɛsa bi ɛ bra bɛsa bi ɛ
abibiduro no bra bɛnom bi ɛ
kɔmfoɔ ne adunsifoɔ bra bɛhunu bi ɛ
ɔbɛhwɛ wo hyɛbrɛ mu
bra bɛhunu bi ɛ bra bɛhunu bi ɛ bra bɛhunu bi ɛ

letras aleatórias

MAIS ACESSADOS

Loading...